Psalms 1

ƆFA A EDI KAN

Nnwom 1–41


1 Nhyira ne onipa a
ontie amumɔyɛfo afotu
na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi
na ɔntena fɛwdifo tenabea.

2 Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani,
na osusuw ho awia ne anadwo.

3 Ɔte sɛ dua a wɔatɛw wɔ asuten ho,
na ɛsow nʼaba ne bere mu a
nʼahaban no nguan da.
Nea ɔyɛ biara yɛ yiye.

4 Nanso nnebɔneyɛfo nte saa;
wɔte sɛ ntɛtɛ a
mframa bɔ gu.

5 Enti amumɔyɛfo rentumi nnyina atemmu no ano,
na nnebɔneyɛfo nso rentena atreneefo asafo mu.


6 Efisɛ Awurade kyerɛ ɔtreneeni kwan
nanso amumɔyɛfo kwan de, ɛbɛyera.
Copyright information for TwiAKNA